Wb/tw/Abisae

< Wb‎ | tw
Wb > tw > Abisae

ABISAE - RIDDLES

  • Agya reko no ogyaw me maame bi. Na saa maame no onni nsa, onni nan, onni ani, nanso da biara a adebekye biara no na waprapra n'afikyiri nyinaa fefeefe. Eye maame ben?

Mmuae: eye po.

  • Agya reko no ogyaw me papa bi, na n'ani ye abiesa, nanso biako pe na ode hu ade. Eye hena?

Mmuae: Kube.

  • Agya reko no ogyaw me maame bi a owo nneema pii, nanso se oyi ntama biako a gye se ne nyina ara atetew wo ne ho ansa na wayi foforo. Eye hena?

Mmuae: eye borode dua.

  • Ade bi wo ho, ennye de, ennye nwon, nanso se eka wo nsa pe a gye se wotaferew. Eye den?

Mmuae: Eye ogya.

  • Maame bi wo ho, se orebewo mma a obo dawuru ansa na ne mma no aba. Eye hena?

Mmuae: Eye borode.

  • Agya reko no ogyaw me abofra bi, se wosoma no na wammo n'apanpam a orenko da. Eye hena?

Mmuae: Eye dadewa.

  • Abofra bone bi wo ho, se wosoma no a orenko da, nanso se woreko a na odi wakyi. Eye abofra ben?

Mmuae: Eye sunsuma.

  • Maame bi retu kwan no ode ne ba begyaww me, se mesoma no a obeko, na mmom obesu ara de ako asan de su aba. Eye abofra ben?

Mmuae: Eye lorry.

  • Agya retu ne kwan no ode abofra bi gyaww me. abofra no asooden nti da biara gye se wohwe no, nanso worehwe no a na wommom woresu.

Mmuae: Gyeene. Se woreyam gyeene a na wani refi nsu.

  • Kurow bi sofo wo ho a woye mfitamfitaa, nanso da biara a wobeko won asoredan mu bepue no na won asesa ayeye kookoo.

Mmuae: brodo.

  • Agya reko no ogyaww me kuntu bi se menhata mu na enwo. Da biara mede sen awia mu nanso enwo da.

Mmuae: Okraman hwene ano.

  • Na ohene wo odepamfo bia opan nneema ma eye nwonwa. Opam mmora ne mpaninfo nyinaa neema fefeefe, na neto atetew nanso na ontumi mmpam da. Eye hena?

Mmuae: Eye paane.

  • Papa bi kogyee paa se obetwa dua bi a abu ato kwan mu mu na nnipa ne lorry atumi afa ntam. Ogyee akatua a ewo ho no nyinaa di wie nanso oyee yee yee, wantumi antwa efise se otwa pe na asan atoa. Eye dua ben?

Mmuae: Asuten.

  • Agya de ahwehwe bi gyaww me. Saa ahwehwe no etumi hu baabiara ne obiara nanso entumi nhu ne ho.

Mmuae: Aniwa.

  • Maame bi woo ahenasa a woye biribiara bo mu, enti se obiako nni ho a baanu a aka no ntumi nye hwee.

Mmuae: Eye muka.

  • Agya reko no ogyaww me ohwefo bi se one me ntena. Mfe dodow a mene no tenae no nyina ara no manhu no da, naso dabiara oretwa mu a mete no nka nanso menhu no.

Mmframa.

  • Agya reko no ogyaw me nsu bi saa nsu no enam aa won awuwu nkoaa na 3da mu

3y3: Nkwan